Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 18

Absalom Nkoguo Ne Ne Wuo

1 Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim. 2 Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no , "Me ne mo na ɛrekɔ."

3 Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden , "Ɛnsɛ wokɔ bi. Na ɛba , ɛsɛ yɛwae, na yɛdwane, na mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ wobɛtena kurom na mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba."

4 Ɔhene penee so , "modwene ɛno ne adwene pa deɛ a, mate."

Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no. 5 Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai , "Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so." Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.

6 Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ Efraim kwaeɛ mu. 7 Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa. 8 Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu akofena ano no.

9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ ɔdwane nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko ewiem.

10 Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab , "Mehunuu Absalom ɔsensɛn dua bi so dɔtɔ mu."

11 Yoab bisaa , "Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu akradeɛ."

12 Ɔbarima no buaa , "anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee , ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai , Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.13 Na mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama."

14 Yoab kaa , "Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie." Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no. 15 Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no.

16 Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa. 17 Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu kwaeɛ mu , na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie. 18 Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri , ɔdwenee , "Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din." Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.

Dawid Su Absalom

19 Na Sadok babarima Ahimaas kaa , "Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ , Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam."

20 Na Yoab nso ka kyerɛɛ no , "ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ."

21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi , "na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene." Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.

22 Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab , "Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ."

Nanso, Yoab bisaa no , "Me ba, adɛn enti na wopɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara."

23 Ɔkaa , "Mepene so, nanso ma menkɔ."

Enti Yoab ka kyerɛɛ no , "!" Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.

24 Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu obi de mmirika reba. 25 Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa , "ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam." Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe.

26 Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam , "Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!"

Ɔhene no kaa , "Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam."

27 Ɔwɛmfoɔ no kaa , "Ɔbarima a ɔdi ɛkan no Sadok babarima Ahimaas."

Ɔhene no kaa , "Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam."

28 Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no , "Biribiara !" Ɔkotoo ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa , "Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa."

29 Ɔhene bisaa , "Na aberanteɛ, Absalom ho anaa?" Ahimaas buaa , "Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene ɔpɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie."

30 Ɔhene ka kyerɛɛ no , "Gyina nkyɛn ha na twɛn." Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee.

31 Na Kusni no bɛduruiɛ kaa , "Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam."

32 Na ɔhene bisaa Kusni no , "Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?" Kusni no buaa , "Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane saa aberanteɛ no."

33 Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa , "Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também