Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 1

Dawid Te Saulo Owuo

1 Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu. 2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.

3 Dawid bisaa no , "Ɛhe na wofiri?"

Ɔbuaa , "Madwane afiri Israel sraban mu."

4 Dawid bisaa no , "Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?"

Ɔkaa , "Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ."

5 Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no , "Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?"

6 Aberanteɛ no buaa , "Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara. 7 Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me memmra. Mebisaa no , Menyɛ ɛdeɛn?

8 "Ɔbisaa me , Wone hwan?

"Mebuaa no , Meyɛ Amalekni.

9 "Na ɔsrɛɛ me , Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ mewu.

10 "Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri , na menim tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no mede rebrɛ wo, me wura."

11 Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. 12 Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman wɔn mu pii wuwuu saa da no.

13 Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no , "Wofiri he?"

Na ɔbuaa , "Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so."

14 Dawid bisaa no , "Na wonsuro wobɛkum obi a Awurade asra no no?"

15 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako , "Ku no!" Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. 16 Na Dawid kaa , "Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri , wo ara na wokaa woakum obi a Awurade asra no no."

Dawid Dwom A Ɔhyehyɛ Maa Saulo Ne Yonatan

17 Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. 18 Na ɔhyɛɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin agyan dwom a wɔatwerɛ Yasar Nwoma mu.

19 "Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so!

Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

20 "Monnka asɛm yi Gat,1.20 Gat ne Askelon yɛ Filistia nkuro.

na Filistifoɔ abɔ ose!

Monnka Askelon mmɔntene so,

na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.

21 "Ao Gilboa mmepɔ,

mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so,

anaa wo nsianeɛ so.

Ɛfiri , ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi;

wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.

22 "Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ!

Wɔamfiri akono amma no nsapan.

23 Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn

na na Saulo ne Yonatan nni,

wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu.

Na wɔn ho hare kyɛn akɔdeɛ;

na wɔn ho den kyɛn agyata.

24 "Ao, Israel mmaa,

monsu Saulo,

ɛfiri , ɔfiraa mo ntoma pa,

hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.

25 "Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono.

Yonatan awu da mmepɔ no so.

26 Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan;

Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ!

Na wo a wode dɔɔ me no mu ;

emu sene mmaa !

27 "Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também