Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 31

Saulo Owuo

1 Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔn anim, na wɔkunkumm pii Gilboa bepɔ so. 2 Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3 Ɔko no mu yɛɛ den baabi a na Saulo . Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara.

4 Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no , "Twe wo akofena no, na fa me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase."

Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho so. 5 Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho. 6 Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no.

7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa .

8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu Gilboa bepɔ so. 9 Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa. 10 Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho.

11 Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn. 13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também