Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 14

Yonatan Akokoɔdurusɛm

1 Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ , "Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem ." Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2 Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban Gibea nkwantia ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom Silo.) Na obiara nnim Yonatan afiri Israel sraban mu.

4 Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a ɛtwere a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.

6 Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no , "Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri , biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua."

7 Aberanteɛ no kaa , "deɛ wogye di ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn."

8 Yonatan kaa , "Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ , na yɛama wɔahunu yɛn. 9 Na wɔka , Monnyina baabi a moaduru ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum moa, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na wɔka , Momforo mmra mmɛkoa, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim." 11 Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu wɔreba no, wɔteam , "Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!"

12 Na wɔteam frɛɛ Yonatan , "Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!" Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no , "Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim."

13 Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ. 14 Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no sraban no mu ne akono nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.

Israel Di Filistifoɔ So Nkonim

16 Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne , Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no , "Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ obi nni anaa." Wɔhwehwɛeɛ hunuu Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni .

18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya , "Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra." (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.) 19 Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no , "Gyae! Ma yɛnkɔ."

20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono kɔhunuu , Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara. 21 Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ mmepɔ mu no hunuu Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi. 23 Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.

Saulo Ntanhunu

24 Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri , na Saulo ama wɔaka ntam , "Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were." Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa, 25 ɛwom, wɔhunuu ɛwoɔ kyɛm da fam kwaeɛ no ase. 26 Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri , na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27 Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no. 28 Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no , "Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu den , obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no."

29 Na Yonatan teaam , "Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so. 30 mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho."

31 Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo , "Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri , wɔrewe ɛnam a mogya fra mu."

Na Saulo kaa , "Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha. 34 Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn , Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’ "

Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn . 35 Na Saulo sii afɔrebukyia , de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ.

36 Na Saulo kaa , "Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa." Na wɔbuaa , "Biribiara a wogye di ɛyɛ no, yɛbɛyɛ."

Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa , "Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa." 37 Enti, Saulo bisaa Awurade , "Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?" Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no.

38 Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no , "Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ. 39 Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo ɔyɛ me babarima Yonatan!" Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.

40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa , "Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha." Nnipa no penee so.

41 Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ , "Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di anaasɛ bɔne no nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem." 42 Na Saulo kaa , "Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto." Na ntonto no bɔɔ Yonatan ɔdi .

43 Saulo bisaa Yonatan , "Ka deɛ woayɛ kyerɛ me."

Yonatan gye too mu , "Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei owuo asɛm?"

44 Saulo kaa , "Aane, Yonatan, ɛsɛ wowuo. woanwu saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu."

45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo , "Enti, ɛfata Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri , Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ." Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.

46 Na Saulo frɛɛ akodɔm no wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.

Saulo Akodie Mu Nkonimdie

47 Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim. 48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam.

49 Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner anuanom a wɔyɛ Abiel mma.

52 Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também