Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 27

Dawid Filistifoɔ Mu

1 Na Dawid dwenee ho , "Ɛda bi, mɛtɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne , mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ."

2 Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase. 3 Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabaa no kɔeɛ. 4 Saulo tee Dawid adwane Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio.

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis , "ɛrenha wo a, ma yɛn baabi nkuro no bi so na yɛnkɔtena sene yɛbɛtena ahenkuro yi mu."

6 Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ), 7 na wɔtenaa Filistifoɔ no mu afe ne abosome ɛnan.

8 Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no. 9 Dawid annya onipa baako anikann nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn.

10 Akis bisaa Dawid , "Ɛhe na ɛnnɛ mofom nneɛma kɔduruiɛ?"

Dawid buaa , "Yɛkɔɔ Yuda anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Yerahmeelfoɔ27.10 Yerahmeelfoɔ nam Hesron so bɛyɛɛ Yuda asefoɔ (1 Be 2.9,25,26). Hwɛ nsɛm a ɛfa Kenifoɔ ho Ate 4.11. ne Kenifoɔ so." 11 Dawid kumm wɔn nyinaa. Wannya obiara a ɔbɛtumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔeɛ. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara ɛberɛ a na Dawid te Filistifoɔ mu no. 12 Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim , "Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também