Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 10

Samuel Sra Saulo Ngo

1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa , "Mereyɛ yei de akyerɛ Awurade apa wo ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel. 2 wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo , Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa , "Obi ahunu me babarima no anaa?" 

3 "Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. 4 Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ mogye firi wɔn nkyɛn.

5 "Na moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom bɛba wo so tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. 7 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, deɛ wogye di ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8 Afei, siane di mʼanim Gilgal10.8 Kronkronbea a ɛdi ɛkan a wɔsii no Kanaan no, wɔtoo ne fapem wɔ Gilgal (Yos 4.19-24). na kɔtwɛn me nnanson. Mɛba abɛka wo ho , na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na meduru a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ woyɛ bio."

Samuel Nsɛnkyerɛnneɛ Ba Mu

9 Saulo danee ne ho pɛɛ ɔkɔ ara , Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. 10 Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 11 Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam , "Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?"

12 Nanso, ɛhɔni bi kaa , "Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni." Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ , "Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?" 13 Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.

14 Ɔduruu no, Saulo wɔfa bisaa no , "Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?"

Saulo buaa , "Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ."

15 Ne wɔfa no bisaa , "Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?"

16 Saulo buaa , "Ɔkaa , wɔahunu mfunumu no." Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no Samuel asra no ngo wɔbɛsi no ɔhene.

17 Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa Awurade anim Mispa,10.17 Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfoɔ dwendwene wɔn nsɛnhia ho (Ate 20.1; 21.1). 18 na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.19 Nanso, ɛwom mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka , Yɛpɛ ɔhene.Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim."

20 Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22 Enti, wɔbisaa Awurade , "Na ɔwɔ he?"

Na Awurade buaa , "Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu."

23 Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa , "Ɔbarima a Awurade apa no mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no ."

Afei, nnipa no nyinaa gyee so , "Ɔhene nkwa so!"

25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.

26 Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa , "Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?" Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também