Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 22

Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu

1 Dawid dwane firii Gat kɔtɛɛ ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛre biara na ne nuanom mmarima ne ne fiefoɔ bi kɔkaa ne ho . 2 Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho . Na saa nnipa no nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ ahanan.

3 Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no , "Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?" 4 Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu.

5 Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid , "Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane Yuda asase so." Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu.

6 Ɔkɔɔ Yuda no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia. 7 Saulo tee asɛm no, ɔteaam , "Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bi anaa? Wahyɛ mo mobɛyɛ nʼasafohene nʼakodɔm so anaa? 8 Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me me ara me babarima Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran ɔmpɛ me nku me!"

9 Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofoɔ gyina no kaa , "Mehunuu Yisai ba no ɔbaa Ahitub ba Ahimelek nkyɛn Nob. 10 Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho."

Wɔkum Asɔfoɔ No

11 Ɔhene no somaa wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ Nob no nyinaa mmra. 12 Wɔbaeɛ no, Saulo kaa , "Tie! Ahitub ba."

Ɔbuaa , "Nana asɛm bɛn."

13 Na Saulo bisaa no , "Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so ha?"

14 Ahimelek buaa , "Nana, mesrɛ mebisa , wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi a ɔyɛ nokwafoɔ te wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wo fidua mu. 15 Ɛnyɛ saa ɛda no ne ɛda a ɛdi ɛkan a mabisa Awurade ama no. Dabi! Ɛnsɛ ɔhene no de soboɔ ne ɔsomfoɔ ne ne fiefoɔ, ɛfiri , wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara."

16 Na ɔhene kaa , "Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu."

17 Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ no , "Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri , wɔn nso Dawid afa. Na wɔnim ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me."

Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no.

18 Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg , "Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no." Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum. 19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa.

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn. 21 Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no, 22 Dawid teaam , "Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg saa ɛda no, na menim ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu. 23 Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, ɛfiri , onipa korɔ no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também