Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 26

Bio, Dawid Ampɛ Ɔbɛkum Saulo

1 Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔka kyerɛɛ no , "Dawid akɔhinta ne ho Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu."

2 Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3 Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ kwankyɛn ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta . Dawid tee Saulo aba , enti 4 ɔsomaa akwansrafoɔ wɔn tetɛ no.

5 Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ anadwo bi. Ɔhunuu Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia.

6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia26.6 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa panin (1 Be 2.16). Ɛno enti na Abisai ne wɔfaase te deɛ Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no. babarima Abisai, Yoab nua , "Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu ?"

Abisai buaa , "Me ne wo bɛkɔ."

7 Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo wada atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.

8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo , "Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu."

9 Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai , "Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na ɔnni ho ? 10 Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu. 11 Awurade mma ɛmpare me mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ."

12 Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri , Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.

13 Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm di nhwɛanimu kɔsii ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo , "Sɔre oo! Abner."

Abner bisaa , "Hwan nie?"

15 Dawid goroo ne ho , "Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa ɔrebɛkum no no? 16 Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam Awurade din mu , wo ne wo mmarima no nyinaa owuo, ɛfiri , moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no he?"

17 Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ , "Wo nie me ba Dawid?"

Na Dawid buaa no , "Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn? 19 Na afei mepɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri , moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ. 20 Menwu ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ ha akokɔhwedeɛ mmepɔ so?"

21 Ɛnna Saulo kaa nokorɛ , "Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie."

22 Dawid buaa , "Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye. 23 Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ mɛkum wo, ɛfiri woyɛ obi a Awurade asra no. 24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu."

25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid , "Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ."

Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também