Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 19

Saulo Ɔkum Dawid

1 Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, 2 Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo , "Ɔkyena anɔpa, wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri , mʼagya repɛ wo akum wo. 3 Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu no nso, mɛbɔ wo amaneɛ."

4 Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya , "Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. 5 Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho , wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa."

6 Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse , "Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid."

7 Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara .

8 Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ.

9 Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no, 10 Saulo too ne pea kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ ɔkum no. Nanso, Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu dwaneeɛ maa pea no kaa ɔfasuo no mu.

Mikal Gye Dawid Nkwa

11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn , ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ , "woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo." 12 Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ. 13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so.

14 Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn , "Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so."

15 Saulo sane somaa mmarima no bio , "Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no." 16 Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so.

17 Saulo bisaa Mikal , "Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?" Mikal buaa no , "Na ɛsɛ meyɛ saa ɛfiri ɔka kyerɛɛ me , Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ "

18 Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. 19 Ɛberɛ a Saulo tee Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, 20 ɔsomaa akodɔm wɔnkɔkye no mmra. Nanso, wɔduruiɛ a wɔhunuu Samuel ne adiyifoɔ bi wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. 21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so. 22 Akyire no koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, kɔduruu abura kɛseɛ bi a ɛwɔ Seku ho. Ɔbisaa , "Samuel ne Dawid he?"

Obi ka kyerɛɛ no , "Wɔn baanu Naiot a ɛwɔ Rama ."

23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 24 Ɔsunsuanee nʼatadeɛ mu, de ne ho too fam, daa ɛda mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teateaam , "Asɛm ni? Enti, daa yi Saulo nso odiyifoɔ?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também