Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 28

Saulo Abisa

1 Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid , "Merehwɛ kwan , wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no."

2 Dawid penee so , "Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ."

Akis kaa , "Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ."

3 Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.

4 Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban Gilboa. 5 Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma. 6 Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so. 7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ , "Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne abisa."

Nʼafotufoɔ no buaa , "Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi Endor."

8 Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa , "Ɛsɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?"

9 Ɔbaa no bisaa , "Wopɛ wɔkum me anaa? Wonim Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?"

10 Saulo de Awurade din kaa no ntam , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso yei ho da."

11 Afei, ɔbaa no bisaa , "Hwan na memfrɛ no mma wo?"

Ɔbuaa , "Frɛ Samuel ma me."

12 Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo , "woadaadaa me! Wone Saulo!"

13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no , "Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?" Ɔbaa no buaa , "Mehunu honhom bi apue afiri fam reba."

14 Saulo bisaa , "Ɔte sɛn?"

Ɔbuaa , "Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba."

Ɛhɔ na Saulo hunuu ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam.

15 Samuel bisaa , "Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?"

Saulo buaa , "Ɛfiri , ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo kyerɛ me deɛ menyɛ."

16 Na Samuel buaa , "Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me? 17 Awurade ayɛ deɛ ɔkaa ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan. 18 Awurade ayɛ saa, ɛfiri , woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so. 19 Deɛ ɛka ho ne , ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo."

20 Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri , na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.

21 Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no , "Owura, mede me nkwa too , yɛɛ wʼabisadeɛ. 22 Enti, deɛ mɛkyerɛ wo no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi."

23 Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam , tenaa akonnwa so.

24 Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti. 25 Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii kɔɔ anadwo no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também