Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 21

Dawid Dwane Saulo

1 Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no , "Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?"

2 Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek , "Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me , mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. 3 Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ."

4 Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid , "Menni burodo teta yi bi ha. Burodo kronkron deɛ, ebi ha, nanso mede bɛma wo a, gye mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi."

5 Dawid buaa , "Mma hwee nha wo. me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na wɔtena ase kronn akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu." 6 Na ɛsiane aduane foforɔ biara nni no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu Awurade hyiadan no mu maa Dawid.

7 Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho Awurade anim saa ɛda no.

8 Dawid bisaa Ahimelek , "Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara."

9 Ɔsɔfoɔ no buaa , "Akofena a mewɔ ara Filistini Goliat a wokumm no Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri , biribiara nni ha bio." Dawid buaa , "Biribiara nkyɛn no. Fa ma me."

10 Na Dawid dwanee firi Saulo , kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11 Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn ɔwɔ . Wɔbisaa , "Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam , Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ "

12 Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13 Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu. 14 Deɛ ɛdi akyire ne , ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima , "Bɔdamfoɔ na ɛsɛ mode no brɛ me? 15 Yɛwɔ pii ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também