Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 29

Filistifoɔ Pamo Dawid

1 Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban asutire bi ho Yesreel. 2 Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. 3 Filistifoɔ asahene no bisaa , "Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ ha?"

Akis buaa , "Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara."

4 Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa , "Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ ɔka yɛn ho ɔko no, ɛfiri , anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene ɔbɛko atia yɛn anaa? 5 Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔn asa mu :

"Saulo akum ne mpempem

na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?"

6 Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte mo, anka mepɛ mo ne yɛn ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so. 7 Enti, sane wʼakyi na no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no."

8 Dawid bisaa , "Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?"

9 Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa , "Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro wɔde wo bɛka wɔn ho ɔko mu. 10 Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no."

11 Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também