Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 23

Dawid Keila Kuro Ho Ban

1 Ɛda koro bi, Dawid tee Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔn ayuporobea. 2 Dawid bisaa Awurade , "Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?"

Awurade buaa , "Aane, na kɔgye Keila."

3 Nanso, Dawid mmarima no kaa , "Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa."

4 Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no , "Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim."

5 Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6 Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.

7 Ankyɛre, Saulo tee Dawid Keila. Ɔteaam , "Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!" 8 Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.

9 Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar , ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ ɔyɛ. 10 Na Dawid bɔɔ mpaeɛ , "Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri , mewɔ ha. 11 Merebisa , enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me."

Na Awurade buaa no , "Ɔbɛba."

12 Bio, Dawid bisaa , "Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?"

Na Awurade buaa , "Aane, wɔbɛyi mo ama."

Dawid Kɔhinta Ɛserɛ So

13 Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.

14 Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no.

15 Dabi a Dawid Hores Sif ɛserɛ so no, ɔtee Saulo nam ɛkwan so reba abɛhwehwɛ no akum no. 16 Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn Hores kɔhyɛɛ no den Onyankopɔn ho gyidie mu. 17 Yonatan hyɛɛ no den , "Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no." 18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores .

19 Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔyii Dawid maeɛ , "Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, Yesimon anafoɔ fam ha yi. 20 Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo."

21 Saulo kaa , "Awurade nhyira mo! Afei, mahunu , mʼasɛm fa obi ho. 22 Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no , ɛfiri , menim ɔyɛ oniferefoɔ. 23 Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na ɔwɔ ɛpɔ mu nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, ɛsɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!"

24 Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so. 25 Ɛberɛ a Dawid tee Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so . Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.

26 Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa bepɔ no so. Ɛbaa Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ wɔrebɛn Dawid no, 27 Saulo nyaa nkra bi a emu den , Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio. 28 Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan. 29 Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também