Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 11

Saulo Di Amonfoɔ So Nkonim

1 Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ , "Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ."

2 Nahas kaa , "Ɛyɛ, na adeɛ baako na ɛsɛ mopene so. Ɛne , mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase."

3 Na Yabes mpanin no buaa , "Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so."

4 Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ. 5 Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa , "Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?" Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes aba no ho amanneɛ.

6 Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie. 7 Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho , "Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!" Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. 8 Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ ɔpeduasa.

9 Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu." Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa . 10 Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no , "Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn."

11 Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no hwetee baabiara a obi mpo nhunu wɔn mu baanu bi gyina baabi.

12 Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel , "Nnipa a wɔka ɛnsɛ Saulo di yɛn so ɔhene no he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn."

13 Nanso, Saulo buaa , "Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri , Awurade agye Israel ɛnnɛ."

14 Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no , "Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua." 15 Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também