Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 12

Samuel Nkradie

1 Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio , "Deɛ mopɛɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2 Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha akɔkoraa tidwono. Masom mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. 3 Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie."

4 Wɔbuaa , "Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua mpo."

5 Samuel kaa , "Awurade ne ne onipa a wɔasra no no mʼadansefoɔ morentumi nka mabɔ mo korɔno."

Wɔn nyinaa kaa , "Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!"

6 Samuel toaa so , "Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. 7 Seesei, monnyina ha dinn Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.

8 "Ɛberɛ a na Israelfoɔ Misraim na wɔsu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron , wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.

9 "Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so. 10 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne , Yɛayɛ bɔne yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.11 Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu.

12 "Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me , Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn sonanso na Awurade mo Onyankopɔn mo so ɔhene. 13 Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛdeɛ ama mo. 14 mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie. 15 Na moantie Awurade, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no.

16 "Enti afei, monnyina dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a Awurade rebɛyɛ. 17 Monim saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma Awurade adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ mobisaa ɔhene no."

18 Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na ɛda no ara, Awurade dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. 19 Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel , "Awurade, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho yɛabisa ɔhene."

20 Samuel buaa , "Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade. 21 Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri , wɔn ho nni mfasoɔ. 22 Esiane ne din kɛseɛ no enti, Awurade rempo ne nkurɔfoɔ. Awurade afa mo nʼankasa nʼadeɛ. 23 Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia Awurade meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24 Nanso, monhwɛ mobɛsuro Awurade na moasom no nokorɛm. 25 Na mokɔ so bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também