Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 17

1 Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom , "Mɛyi akodɔm mpem dumienu, na mafiri ha anadwo yi akɔtaa Dawid so. 2 Mɛto no ɛberɛ a wabrɛ na nʼaba mu abu. Ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛbɔ hu na wɔadwane. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3 na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara." 4 Saa nhyehyɛeɛ yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani.

Husai Tia Ahitofel Afotuo Mu

5 Nanso, Absalom kaa , "Momfrɛ Husai a ɔfiri Arki no mmra na yɛntie deɛ ɔwɔ ka." 6 Husai baeɛ no, Absalom kaa deɛ Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei ɔbisaa no , "Wʼadwene ne sɛn? Yɛmfa Ahitofel afotuo no anaa? Na ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene."

7 Husai buaa Absalom , "Mʼadwene ne saa ɛberɛ yi deɛ Ahitofel ayɛ mfomsoɔ. 8 Wonim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ. Saa ɛberɛ yi, wɔn ani abre sisire a wɔawia ne mma wiram. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de akodie mu. Ɔne nʼakodɔm no rentena anadwo yi. 9 merekasa yi, wakɔtɛ ɔbodan bi mu anaa baabi foforɔ. Na ɔdi ɛkan to hyɛ mo so na mo mu kakra bi mpo totɔ a, ehu bɛtɔ wo dɔm no so na obiara bɛteam wɔrekunkum wo dɔm no. 10 Na ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a nʼakoma te gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim wʼagya ɔkofoɔ, na wɔn a wɔka ne ho no nso bo duru.

11 "Enti, metu wo fo , boa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba. Woyɛ saa a wobɛnya akodɔm a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpoano anwea. Na megye medi wʼankasa bɛdi akodɔm no anim. 12 Na yɛhunu Dawid a, yɛbɛto ahyɛ no so, sɛdeɛ bosuo gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13 Na Dawid adwane kuropɔn bi so a, wode Israel akodɔm nyinaa bɛkɔ . Afei, yɛbɛtumi afa ntampehoma de atwe kuro no afasuo, akɔgu bɔnhwa a ɛbɛn mu, kɔsi ɛboɔ biara a ɛwɔ mu no bɛyam."

14 Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa , "Husai afotuo no sene Ahitofel deɛ no." Ɛfiri , Awurade ahyehyɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.

Husai Dawid Kɔkɔ Ɔnnwane

15 Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar. 16 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no , ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso anadwo yi. Ɛsɛ ɔtwa ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu."

17 Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi abaawa bi de nkra a ɛsɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18 Nanso abarimaa bi hunuu wɔn wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu. 19 Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu nnipa hyɛ abura no mu.

20 Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu no, wɔbisaa ɔbaa no , "Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?"

Ɔbuaa wɔn , "Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no ." Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.

21 Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ , "Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!" Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22 Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan nʼagya.

23 Ahitofel hunuu nʼanim agu ase, ɛfiri wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no nʼagya da mu.

24 Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan. 25 Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba. 26 Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so.

27 Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas a ɔfiri Raba babarima Sobi Amonni no, kyeaa no so. Saa ara na Amiel a ɔfiri Lo-debar babarima Makir17.27 Saa Makir yi ara na ɔgyee Mefiboset (Yonatan ba obubuafoɔ) no ne no tenaa Lo-debar. ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim nso gyee no so. 28 Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atokoɔ, asikyiresiam, nkyeweɛ, asɛ ne asɛdua, 29 ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyene mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na wɔkaa , "Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɛkɔm ne sukɔm de mo ɛfiri moanante ɛkwan tenten ɛserɛ so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também