Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 2

Dawid Di Yuda So Ɔhene

1 Mmerɛ no ara mu, Dawid bisaa Awurade , "Mensane nkɔ Yuda anaa?"

Awurade buaa no , "."

Dawid bisaa no , "Kuro bɛn na menkɔ so?"

Awurade buaa no , "Hebron."

2 Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, 3 ne ne mmarima ne wɔn fiefoɔ nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkuro so. 4 Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene Yuda abusuakuo so.

Na ɛberɛ a Dawid tee Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, 5 ɔtoo wɔn nkra , "Awurade nhyira mo moayi nokorɛ a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no animuonyam so. 6 Na afei, Awurade ne mo nni no yie na ɔntua mo sononko yi so ka. Na me nso mɛtua mo deɛ moayɛ yi so ka. 7 Afei a Saulo awu yi, mepɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ Yudafoɔ a wɔasra me ngo menni wɔn so ɔhene no."

Is-Boset Di Ɔhene Israel

8 Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene nʼakodɔm so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim. 9 Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ2.9 Asuri yɛ Aser abusuakuo mu nnipa. asase ne Israel nyinaa so.

10 Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ. 11 Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa.

Israel Ne Yuda Di Ako

12 Ɛda koro bi, Abner dii Is-Boset akodɔm anim, firi Mahanaim kɔɔ Gibeon. 13 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid akodɔm anim, firi Hebron na wɔhyiaa Abner Gibeon ɔtadeɛ ho. Akuo mmienu no tenatenaa ase a na wɔdi nhwɛanimu. 14 Afei, Abner susuu ho kyerɛɛ Yoab , "Ma yɛmfa yɛn akofoɔ no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako nyɛ oyikyerɛ."

Yoab penee so kaa , "Wɔnsɔre nko ɛ."

15 Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu wɔnni wɔn ho ako. 16 Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ.

17 Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.

Asahel Owuo

18 Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmammarima baasa no ka Dawid akodɔm no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te ɔforoteɛ, 19 na ɔpamoo Abner ara , ɔbɛkyere no. 20 Ɛberɛ a Abner twaa nʼani hunuu ɔgu ne so no, ɔteaam , "Wo nie, Asahel!"

Ɔbuaa , "Aane, ɛyɛ me!" 21 Na Abner ka kyerɛɛ no , "Ɛnneɛ, kɔpɛ obi foforɔ, na wone no nko. na kɔsi mmeranteɛ no baako so, na gye nʼakodeɛ a ɛwɔ ne ho nyinaa." Nanso, Asahel, kɔɔ so taa no.

22 Bio, Abner teaam ka kyerɛɛ Asahel , "Firi ha ! mekum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim."

23 Nanso, Asahel antie ara, enti Abner de ne pea no wɔɔ ne yafunu mu, maa pea no pue firii nʼakyi. Ɔbu hwee fam wuiɛ. Na obiara a ɔduruu atɔeɛ mu no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel ɔda .

24 Ɛberɛ a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Ɛberɛ a wɔduruu Amma bepɔ a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɛkwan a ɛda Gibeon ɛserɛ so no, na onwunu adwo. 25 Abner akodɔm a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu no boaa wɔn ho ano bepɔ no so yɛɛ krado maa ɔko.

26 Ɛhɔ na Abner teaam, ka kyerɛɛ Yoab , "Enti, ɛsɛ daa yɛfa akofena so de ka yɛn ntam asɛm anaa? Monnhunu , saa ɛkwan no de nitan bɛto yɛn ntam? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn , wɔnnyae wɔn nuanom Israelfoɔ akyidie?"

27 Na Yoab kaa , "woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa."

28 Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto,2.28 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, na ɛkyerɛ ɔko bi ahyɛaseɛ anaasɛ nʼawieeɛ. maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa.

29 Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim.

30 Na Yoab gyaee Abner akyidie, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wɔhunuu Dawid mmarima no mu dunkron ayera. 31 Nanso, na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfoɔ no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no. 32 Wɔfaa Asahel siee no nʼagya ɔboda mu Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantee anadwo mu no nyinaa kɔduruu Hebron adekyeeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também