Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 16

Dawid Ne Siba

1 Dawid sianee bepɔ no na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔn so. 2 Ɔhene no bisaa Siba , "Na yeinom nso ɛ?" Na Siba buaa , "Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so , na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom."

3 Na ɔhene no bisaa no , "Na Mefiboset he?" Siba buaa , "Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa , Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’ "

4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba , "saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo."

Siba buaa , "Meda wo ase awura. Ɛberɛ biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me menyɛ no, mɛyɛ."

Simei Dome Dawid

5 Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. 6 Ɔpaa Dawid ne ne mpanimfoɔ ne akodɔm a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa aboɔ. 7 Ɔteaam guu Dawid so , "Firi hanom ! Mogyapɛfoɔ a ɔte woɔ! Ɔsansani! 8 Awurade atua wo ka wohwiee Saulo ne ne fiefoɔ mogya guiɛ. Wowiaa nʼahennwa, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa aduro, wo mogyapɛfoɔ."

9 Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no , "Adɛn enti na ɛsɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti."

10 Nanso, ɔhene no kaa , "Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Awurade aka akyerɛ no , ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no ɔnnyae?"

11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ , "Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri , Awurade na waka akyerɛ no ɔnyɛ saa. 12 Ebia, Awurade bɛhunu wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka."

13 Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. 14 Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome.

Ahitofel Ma Absalom Afotuo

15 Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. 16 Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!"

17 Na Absalom bisaa Husai , "Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?"

18 Husai ka kyerɛɛ Absalom , "Mewɔ ha ɛfiri meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no. 19 Deɛ ɛka ho bio ne , hwan na ɛsɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo."

20 Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel , "Ɛdeɛn bio na menyɛ?"

21 Ahitofel buaa no , "na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri , wagya wɔn wɔnhwɛ ahemfie . Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu , woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo." 22 Enti, wɔsii ntomadan ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.

23 Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também