Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 19

Yoab Ka Ɔhene Anim

1 Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ Absalom ho. 2 Ɛberɛ a akodɔm no tee ɔhene no awerɛhoɔ a ɔredi ne ba no ho no, nkonimdie mu anigyeɛ a na wɔwɔ mu saa da no danee awerɛhoɔ. 3 Wɔwiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu sɛdeɛ wɔn a wɔadi nkoguo de aniwuo dwane firi ɔko mu. 4 Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo , "Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!"

5 Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no , "Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te deɛ yɛayɛ bɔne bi. 6 Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ , yɛnsɛ hwee mma wo. Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. 7 Afei, firi seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ Awurade din, ka ntam , woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no."

8 Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa ɔwɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane wɔn afie mu. 9 Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka , "Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu. 10 Na seesei Absalom a yɛsraa no ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so."

11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ , "Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase. 12 Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔn a wɔpene mɛsane aba no mu?" 13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa , "woyɛ me wɔfaase yi, manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono."

14 Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim , "Wo ne wɔn a wɔne wo no nyinaa mmra yɛn nkyɛn."

Dawid Sane Yerusalem

15 Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafoɔ bɛhyiaa no wɔde no retwa asuo no. 16 Gera a ɔyɛ Benyaminni a ɔfiri Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kɔhyiaa ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, na Benyaminfoɔ apem ka ne ho a, na Siba a na ɔyɛ Saulo fidua mu soodoni, ne ne mmammarima dunum ne nʼasomfoɔ aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no ɛkan kɔduruu Yordan . 18 Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn ɛkwan biara a wɔbɛtumi so.

Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim. 19 Ɔsrɛɛ no , "Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae amumuyɛsɛm a meyɛeɛ ɛberɛ a wofirii Yerusalem. 20 Mahunu bɔne a mayɛ, enti na madi ɛkan Yosef abusua nyinaa mu rebɛkyea wo yi."

21 Na Seruia babarima Abisai kaa , "Simei owuo, ɛfiri , ɔdomee deɛ Awurade asra no no."

22 Na Dawid bisaa , "Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene Israel so bio!" 23 Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei , "Wɔrenkum wo."

Dawid Mefiboset Adɔeɛ

24 Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii ɔhene baa asomdwoeɛ mu no. 25 Ɔhene no bisaa no , "Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?"

26 Ɔbuaa , "Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa , hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene mampɛ meba. Nanso menim wote Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, deɛ wogye di ɛyɛ. 28 Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?"

29 Ɔhene ka kyerɛɛ no , "Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo , wo ne Siba nkyɛ nsase no mu."

30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ɛdɔɔ me so me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara."

Dawid Barsilai Adɔeɛ

31 Gileadni Barsilai nso firi Rogelim baa ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. 32 Na Barsilai abɔ akɔkoraa a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi diiɛ ɛberɛ a na ɔte Mahanaim no. 33 Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai , "Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo."

34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene , "Aka me nna ahe a ɛsɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me . Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36 Animuonyam a mepɛ ara ne me ne Nana bɛtwa asuo no. 37 Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, ma no."

38 Ɔhene no gye too mu kaa , "Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no."

39 Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom. 40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no.

Ɔhene Ho Akyinnyegyeɛ

41 Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene , "Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo , na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?"

42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no , "Yɛyɛɛ saa, ɛfiri , ɔhene no yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso."

43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no , "Yɛwɔ mmusuakuo edu Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa , wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?"

Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também