Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 21

Dawid Were Ma Gibeonfoɔ

1 Dawid ahennie so no, ɛkɔm baa asase no so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid bisaa Awurade ɛkɔm no ho asɛm. Na Awurade kaa , "Esiane ɛfɔ a Saulo ne ne fiefoɔ di kunkum a wɔkunkumm Gibeonfoɔ no ho enti na ɛkɔm saa aba no."

2 Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ21.2 Edin Amorifoɔ yɛ din a wɔde frɛ Kanaanfoɔ nyinaa ansa na wɔredi wɔn so (1 Mose 15.16; Yos 24.18). Nokorɛm, Gibeonfoɔ Hiwifoɔ (Yos 9.7; 11.19). nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam , wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ ɔtɔre wɔn ase. 3 Dawid bisaa Gibeonfoɔ no , "Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio."

4 Gibeonfoɔ no buaa , "Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso wɔbɛkunkum Israelfoɔ aweretɔ so."

Enti, Dawid kɔɔ so bisaa wɔn , "Enti, ɛdeɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo."

5 Na wɔbuaa , "Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara Israel. 6 Enti, wɔnyi Saulo mmammarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yɛbɛkum wɔn Awurade anim Gibea bepɔ no so."

Ɔhene no kaa , "Ɛyɛ. Mɛyɛ."

7 Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka Awurade anim no enti. 8 Nanso, ɔde Saulo mmammarima baanu a na wɔn edin de Armoni ne Mefiboset a na wɔn maame Rispa no Aia babaa maa wɔn. Ɔsane de Saulo babaa Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ɔfiri Mehola no yere mmammarima baanum no maeɛ. 9 Na Gibeon mmarima no kunkumm wɔn bepɔ no so Awurade anim. Enti, nnipa baason no nyinaa, wɔkunkumm wɔn ɛberɛ a wɔrefiri atokotwa afahyɛ no ase no.

10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu maame no de ayitoma sɛɛ ɔbotan bi so, tenaa otwaberɛ no nyinaa mu. Wamma apete ammɛtete wɔn amu no awiaberɛ mu, na anadwo nso, ɔsii nkekaboa ho kwan. 11 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12 ɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔfiri Yabes Gilead nkyɛn, kɔbisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Ɛberɛ a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ koeɛ no ano no, Yabes Gileadfoɔ na wɔkɔtasee wɔn amu Filistifoɔ kuro Bet-San abɔntene so.) 13 Enti, Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe baeɛ. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfoɔ kunkumm wɔn no nnompe baeɛ.

14 Ɔsiee wɔn nyinaa Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kuro Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɛkɔm no so Israel asase so.

Israel Ne Filistifoɔ Akokoakoko

15 Bio, Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na ɛberɛ a ɔko no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, Dawid tɔɔ baha. 16 Na Yisbi-Benob abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no. 17 Nanso, Seruia babarima Abisai bɛgyee Dawid, na ɔkumm Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam , "Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio. Anyɛ saa a, Israel kanea bɛdum."

18 Yei akyi, ɔko foforɔ ba de tiaa Filistifoɔ no Gob. Wɔgu so reko no, Sibekai21.18 Na Sibekai da Dawid akodɔm a ɛtɔ so nwɔtwe no ano (1 Be 27.11). a ɔfiri Husan, kumm Saf a na ɔno nso abrane no asefoɔ no bi.

19 Ɔko foforɔ bi a wɔkoo Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem kumm Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne pea nsa mu duru bɛyɛ ntomanwomfoɔ nsadua. 20 Ɔko bi a ɛsii bio Gat nso, ɔbarima tetetuo bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abrane no aseni no 21 pɛɛ ɔbu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nua Simea babarima Yonatan na ɔkumm no.

22 Saa Filistifoɔ abrane baanan yi Gat abrane no asefoɔ. Na Dawid ne nʼakofoɔ na wɔkunkumm wɔn nyinaa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também