Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 24

Dawid Kan Nnipa

1 Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid , "na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa."

2 Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab , "Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha."

3 Na Yoab buaa ɔhene no , "Awurade mma wo ntena ase kɔsi nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ woyɛ yei?"

4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee , wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel.

5 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, 6 toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. 7 Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ24.7 Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nyinaa tenaa Kanaan ansa na Israelfoɔ rebɛdi ɔman no so. nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ.

8 Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem.

9 Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so Israel no dodoɔ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso Yuda.

Dawid Bɔne So Atemmuo

10 Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no , enti ɔka kyerɛɛ Awurade , "Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ."

11 Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn : 12 "Kɔka kyerɛ Dawid , Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ "

13 Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no , "Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade."

14 Dawid ka kyerɛɛ Gad , "Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri , nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam."

15 Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ. 16 Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ! Gyae." Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea .

17 Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade , "Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ."

Dawid Si Afɔrebukyia

18 Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade Yebusini Arauna ayuporobea ."

19 Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no ɔnyɛ no. 20 Ɛberɛ a Arauna hunuu ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam.

21 Arauna bisaa , "Adɛn enti na woaba, me wura?"

Dawid buaa , "Merebɛtɔ ayuporobea , na masi afɔrebukyia ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae."

22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid , "Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina afɔrebukyia no so. 23 Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ , Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi."

24 Na ɔhene no buaa Arauna , "Dabi, mepɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara."

Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum (575) de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no. 25 Dawid sii afɔrebukyia maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ . Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também