Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 3

1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.

2 Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Hebron:

Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.

3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima;

deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene3.3 Gesur yɛ Siria ahemman ketewa bi a ɛhɔ na Absalom kɔpɛɛ dwanekɔbea (13.37-38; 14.23). Talmai babaa Maaka babarima.

4 Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima;

deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.

5 Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima.

Wɔwoo saa mma yi maa Dawid Hebron.

Abner Kɔdɔm Dawid

6 Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔn a wɔdi Saulo akyi no so. 7 Emu Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.

8 Abner bo fuu yie kaa , "Meyɛ nkraman sodifoɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne , mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me? 9 mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono. 10 Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba." 11 Esiane na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.

12 Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo."

13 Dawid buaa , "Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye , woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me." 14 Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ , "Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri , mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no."

15 Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. 16 Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no , "Sane efie." Na Paltiel sane kɔɔ efie.

17 Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ mosi Dawid ɔhene. 18 Ɛberɛ no nie. Ɛfiri , Awurade aka , Mayi Dawid ɔnnye me nkurɔfoɔ mfiri Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.’ "

19 Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ , Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. 20 Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ. 21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid , "Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma so." Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.

Yoab Kum Abner

22 Abner kɔeɛ ara , Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree. 23 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab Abner baa nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no asomdwoeɛ mu no, 24 Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no , "Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn? 25 Wonim pefee , ɔbaa wo so ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?"

26 Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee. 27 Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane ɔpɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.

28 Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa , "Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee Awurade anim. 29 Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa da."

30 Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri , Abner kumm wɔn nuabarima Asahel akono Gibeon.

Dawid Su Abner

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa , "Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ." Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so. 32 Wɔsiee Abner Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu ne damena no ho.

33 Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:

"Ɛsɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa?

34 Wɔankyekyere wo nsa;

wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Dabi, wɔdii wo awu;

amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ."

Nnipa no nyinaa suu Abner bio. 35 Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam , "medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me."

36 Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani. 37 Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu , ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner.

38 Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no , "Monhunu ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ Israel anaa? 39 Na ɛwom me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔn amumuyɛsɛm ho."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também