Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 11

Dawid Ne Batseba

1 Osutɔberɛ a ɛdi soɔ no mu, ɛberɛ a ɛsɛ ahemfo ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel akodɔm nyinaa wɔnkɔsɛe Amonfoɔ. Wɔkɔtuaa kuropɔn Raba, na Dawid deɛ, ɔkaa Yerusalem.

2 Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina no, ɔhunuu ɔbaa bi ɔredware. Na ɔbaa no ho yie, 3 na Dawid somaa obi ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa , "Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere." 4 Na Dawid tuu abɔfoɔ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no daeɛ. (Ɔdwiraa ne ho firii ne nsabuo mu no, na ɛnkyɛreɛ.) Afei, ɔsane kɔɔ efie. 5 Ɛberɛ a Batseba hunuu wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.

6 Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Fa Hetini Uria brɛ me." 7 Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so. 8 Na ɔka kyerɛɛ Uria , "efie na kɔhome." Na mpo, Uria firii ahemfie no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no. 9 Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano.

10 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no , "Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ ɛnnora anadwo?"

11 Uria buaa , "Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam merenyɛ yei na madi ho ."

12 Na Dawid ka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu." Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ. 13 Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio.

Dawid Hyehyɛ Uria Wuo Ho

14 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab , "Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no."

16 Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko. 17 Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree.

18 Na Yoab de ɔsa mu amaneɛ kɔbɔɔ Dawid. 19 Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfoɔ no , "Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. 20 Nanso, ebia ne bo bɛfu, ama wabisa , Adɛn enti na akodɔm no kɔbɛn kuro no pɛɛ saa? Na wɔnnim wɔbɛto agyan afiri afasuo no mu? 21 Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek Tebes ankum no?Afei, monka nkyerɛ no , wɔakum Hetini Uria nso."

22 Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no ɔnkɔka. 23 Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid , "Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano. 24 Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu."

25 Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no , "Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim."

26 Ɛberɛ a Batseba tee ne kunu awuo no, ɔsuu no. 27 Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também