Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 20

Seba Adɔnyɛ

1 Ntɔkwapɛni bi a wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ɔfiri Benyamin babarima, hyɛnee totorobɛnto teaam ,

"Yɛne Dawid nni hwee .

Yɛnni agyapadeɛ biara Yisai babarima no nkyɛn.

Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!"

2 Enti, Israel mmarima gyaa Dawid , kɔdii Seba akyi. Nanso, Yuda mmarima no deɛ, wɔtenaa wɔn ɔhene nkyɛn, na wɔwowaa no firi Asubɔnten Yordan ho, kɔsii Yerusalem.

3 Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie Yerusalem no, ɔhyɛɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase okunafoɔ, kɔsii ne wuda.

4 Ɔhene no hyɛɛ Amasa ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda akodɔm ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa ɛberɛ no mu. 5 Enti, Amasa kɔbɔɔ akodɔm no amaneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.

6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai , "Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no." 7 Enti, Abisai ne Yoab yiyii awɛmfoɔ a wɔdi mu firii Yoab akodɔm ne ɔhene no ankasa deɛ mu de tii Seba.

8 Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim , ɔrekɔkyea Amasa , ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu. 9 Yoab bisaa no , "Me nua, wo ho te sɛn?" Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, deɛ ɔrefe nʼano. 10 Amasa anhunu akofena no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de akofena no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia Yoab bɛtia ne so koraa, na Amasa wuiɛ. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaa no , toaa so tii Bikri babarima Seba.

11 Yoab akodɔm no mu aberanteɛ a ɔyɛ panin akodɔm no so no mu baako teaam kyerɛɛ Amasa akodɔm no , "Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ɔmmɛdi Yoab akyi." 12 Amasa daa ne mogyabura mu, ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu akodɔm no aduru a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so. 13 Wɔyii Amasa firii ɛkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.

14 Saa ɛberɛ no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fiefoɔ Bikrifoɔ ano Abel-Bet-Maaka. 15 Yoab akodɔm no duruu no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ wɔdwiri guo. 16 Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu , "Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab , ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no." 17 Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbisaa no , "Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?"

Ɔbuaa , "Aane."

Ɔkaa , "Tie asɛm a wʼafenaa ɔka no."

Ɔbuaa , "Meretie."

18 Ɔkaa , "Tete no, na yɛka Yɛrekɔpɛ afotuo Abel.19 Yɛpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ Israel. Wopɛ wosɛe kuro a adi nokorɛ Israel. Adɛn enti na wopɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?"

20 Yoab buaa , "Ɛnyɛ mepɛ mesɛe wo kuropɔn. 21 Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu."

Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab , "Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo."

22 Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn Yerusalem.

23 Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio.

Na Yehoiada babarima Benaia nso ɔhene banbɔfoɔ so panin.

24 Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so,

na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm.

25 Na Sewa asɛnniiɛ twerɛfoɔ.

Na Sadok ne Abiatar nso asɔfoɔ.

26 Ɛnna Yairini Ira nso Dawid ɔsɔfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também