Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 1

Dawid Nkɔkoraaberɛ

1 Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa. 2 Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no , "Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye."

3 Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. 4 Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.

Adoniya Si Ne Ho Ɔhene

5 Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya1.5 Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔtɔ so ɛnan (2 Sam 3.4) a na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa enum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a ɔwuu ne mmɔfraase no) nyinaa awuwu. a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. 6 Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo ɔbɛbisa no , "Ɛdeɛn na woreyɛ yi?" Na Adoniya ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi awoɔ mu.

7 Adoniya gyee Seruia1.7 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa. babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar1.7 Na Abiatar yɛ Ahimelek nanabarima. too mu, na wɔn nso penee wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. 8 Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ.

9 Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ. 10 Nanso, wamfrɛ odiyifoɔ Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho banbɔfoɔ anaa ne nuabarima Salomo.

11 Na odiyifoɔ Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo maame no nkyɛn kɔbisaa no , "Wonim Hagit babarima Adoniya asi ne ho ɔhene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? 12 wopɛ wonya wo tiri didi mu, na wogye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotuo yi. 13 ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kɔbisa no , Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me , me babarima Salomo na da bi ɔbɛdi wʼadeɛ ɔhene, na watena wʼahennwa no so? Na adɛn enti na Adoniya ayɛ ɔhene?14 Na ɛberɛ a wɔgu so ne no rekasa no, mɛba abɛsi asɛm biara a woaka no so dua."

15 Na Batseba kɔɔ ɔhene piam. Afei, na wabɔ akɔkoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. 16 Batseba kotoo no, na ɔhene no bisaa no , "Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?"

17 Ɔbuaa no , "Me wura, wogyina Awurade, wo Onyankopɔn, anim hyɛɛ me , me babarima Salomo na ɔbɛdi wʼadeɛ, na watena wʼahennwa so. 18 Nanso, ɛwiee aseɛ no, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforɔ a mpo, wonnim ho hwee. 19 Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi. 20 Na, me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn deɛ wobɛkyerɛ ɔnni wʼadeɛ ɔhene. 21 Na woanyɛ biribi na wonya wo kra akyi a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo awudifoɔ."

22 Ɔgu so ne no rekasa no ara na, odiyifoɔ Natan bɛduruu . 23 Ɔhene afotufoɔ no ka kyerɛɛ no , "Odiyifoɔ Natan aba ha, na ɔpɛ ɔhunu woɔ." Natan kɔɔ mu kɔkotoo ɔhene no.

24 Ɔbisaa , "Me wura, woayɛ wʼadwene Adoniya na ɔnni wʼadeɛ, na ɔntena wʼahennwa so anaa? 25 Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam , Ɔhene Adoniya nkwa so!26 Na me a meyɛ wo ɔsomfoɔ no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. 27 Ɛyɛ nokorɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfoɔ no mu biara ante onipa a ɔbɛdi nʼadeɛ ɔhene no ho hwee?"

Dawid Si Salomo Ɔhene

28 Dawid kaa , "Momfrɛ Batseba mma me." Na ɔbaa ɔhene anim bɛgyinaa .

29 Na ɔhene hyɛɛ , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, 30 ɛnnɛ, mehyɛ mmara , wo babarima Salomo na ɔbɛdi adeɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahennwa so, sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wo Awurade, Israel Onyankopɔn, anim no." 31 Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam , "Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!"

32 Na ɔhene Dawid hyɛɛ , "Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me." Wɔbaa ɔhene anim no, 33 ɔhene ka kyerɛɛ wɔn , "Momfa Salomo ne me mpanimfoɔ no nkɔ Gihon asutire no ho. Salomo ntena mʼafunumpɔnkɔ so. 34 Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan bɛsra no ngo Israelhene. Monhyɛn totorobɛnto, na monteateam , Ɔhene Salomo nkwa so!35 Na mosane de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahennwa so. Ɔbɛdi mʼadeɛ ɔhene, ɛfiri , mayi no ɔnyɛ ɔhene Israel ne Yuda so."

36 Yehoiada babarima Benaia gyee so , "Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Onyankopɔn no mmara no mmra mu saa. 37 Na Awurade nka Salomo ho sɛdeɛ ɔkaa wo ho no, na Salomo ahennie nyɛ yie nkyɛn wo deɛ no mpo."

38 Enti, ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho banbɔfoɔ faa Salomo de no kɔɔ Gihon asutire no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afunumpɔnkɔ so. 39 Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok faa ngotoa1.39 Ngo a wɔbɔ din ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (2 Mose 30.22-33) no. firii ntomadan1.39 Ntomadan no yɛ ntomadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntomadan a wɔsii no anweatam so no da so wɔ Gibeon (3.4; 2 Sam 6.17). kronkron mu bɛhwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn totorobɛnto maa nnipa no nyinaa teateaam , "Ɔhene Salomo nkwa so!" 40 Na nnipa no nyinaa sane ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurisie. Na anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne nteateam no ano yɛɛ den ara kɔsii , wɔn nne no wosoo asase.

41 Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa , "Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?"

42 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ . Adoniya ka kyerɛɛ no , "Bra mu, ɛfiri , woyɛ onipa papa. Minim asɛm pa wʼano."

43 Yonatan buaa , "Dabi! Seesei ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. 44 Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho banbɔfoɔ rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asutire ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afunumpɔnkɔ so, 45 ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no. 46 Afei, seesei, Salomo te ahennwa so ɔhene. 47 Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no amo, kaa , Onyankopɔn mma Salomo ahennie nhyeta nkyɛn wo deɛ no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛseɛ nsene wo deɛ no!Na ɔhene sii ne tiri ase yii Awurade ayɛ, ɛberɛ a na ɔda ne mpa mu, 48 na ɔkaa saa nsɛm yi, Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɛnnɛ da yi wayi obi ɔntena mʼahennwa so ɛberɛ a mete ase, na mehunu deɛ ɛrekɔ so nyinaa.’ "

49 Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. 50 Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti ɔdwane kɔɔ ntomadan kronkron no mu kɔsosɔɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so no mu. 51 Ankyɛre na Salomo tee Adoniya akɔsosɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so, na ɔresrɛ , "Momma Salomo nsuae nkyerɛ ɛnnɛ yi ara, na wankum me!"

52 Salomo buaa , "ɔbɛdi me nokorɛ deɛ a, wɔrenha no. Na wanyɛ saa deɛ a, wɔbɛkum no." 53 Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no , "efie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também