Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 21

Nabot Bobeturo

1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ɔfiri Yesreel bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfie. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot , "Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeɛfuo, ɛfiri , ɛbɛn mʼahemfie pɛɛ. wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na nso wopɛ a, ɛboɔ biara a asase no die no, mɛtua."

3 Nanso, Nabot buaa , "Awurade mma ɛmpare me mede mʼagyanom agyapadeɛ bɛma wo."

4 Enti, Ahab sane kɔɔ ahemfie a ne bo afu ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdaeɛ a wannidie, de nʼanim kyerɛɛ fasuo.

5 Ne yere Isebel bɛbisaa no , "Adɛn enti na woayɛ bosaa saa? Adɛn enti na wompɛ wodidie?"

6 Ɔbuaa no , "Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no , ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene."

7 Ne yere Isebel bisaa , "Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye Nabot bobeturo no ama wo!"

8 Na Isebel twerɛɛ nkrataa Ahab din mu, de ne nsɔano sɔɔ ano, de kɔmaa mpanimfoɔ ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9 Krataa no mu nsɛm ne :

"Yi ɛda bi to a wɔde bɛyɛ akɔnkyene, na ma Nabot ntena animuonyambea nnipa no mu. 10 Monhwehwɛ ahuhufoɔ baanu na wɔmmɔ no kwaadu , wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfiri adi, nkɔsi no aboɔ nku no."

11 Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa nkrataa no mu wɔnyɛ no. 12 Wɔhyɛɛ akɔnkyene no ase, de Nabot tenaa animuonyambea nnipa no mu. 13 Na ahuhufoɔ baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu nnipa no anim , wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti, wɔde no kɔɔ kurotia, kɔsii no aboɔ kumm no. 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no , "Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu."

15 Ɛberɛ a Isebel tee wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara , ɔka kyerɛɛ Ahab , "Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu." 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no.

17 Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia , 18 "na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19 Ka kyerɛ no , sei na Awurade ka: Ɛnnɔɔso wokum Nabot? Ɛsɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ "

20 Ahab ka kyerɛɛ Elia , "Woahunu me, me ɔtamfoɔ."

Ɔbuaa , "Aane maba bio ɛfiri , woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no Awurade ani so. 21 Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhye wʼasefoɔ nyinaa, na matwa ɔbarima a ɔtwa toɔ koraa Israel, ɔyɛ akoa anaa ɔdehyeɛ, afiri Ahab ho. 22 Mɛma wo fie ayɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie, ɛfiri , woahyɛ me abufuo ama Israel ayɛ bɔne!

23 "Na ɛfa Isebel ho nso no, Awurade ka , Yesreel nkraman bɛwe ne ɛnam kuropɔn no afasuo ho.

24 "Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wɔwuwuu kuro no mu no nso, nkraman bɛwe wɔn ɛnam, na apete nso asosɔ wɔn a wɔwuwuu wiram no ɛnam."

25 (Obiara nni a ɔtɔn ne ho maa bɔne Awurade ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri , ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kɔsii ɔkɔɔ ahoni so, te Amorifoɔ21.26 Edin Amorifoɔ no gyina hɔ ma Palestinafoɔ a na wɔte hɔ dada ansa na Israelfoɔ reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7). a Awurade pamoo wɔn Israelfoɔ anim no).

27 Ahab tee saa asɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, firaa ayitoma, kyenee kɔm. Ɔfiraa ayitoma no saa de awerɛhoɔ a emu den kyinkyiniiɛ.

28 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia , 29 "Woahunu sɛdeɛ Ahab brɛɛ ne ho ase mʼanim? Esiane ɔbrɛɛ ne ho ase enti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ ma no ɛnnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmammarima so; mɛsɛe nʼasefoɔ nyinaa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também