Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 15

Abia Di Yuda Man So

1 Yeroboam dii adeɛ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase ɔhene Yuda. 2 Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa.

3 Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 4 Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ Yerusalem. 5 Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.

6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7 Nsɛm a aka a ɛsisii Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. 8 Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ ɔhene.

Asa Di Yuda Man So

9 Yeroboam dii ɔhene Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene Yuda. 10 Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa. 11 Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 12 Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa. 13 Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri , na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no Kidron bɔnhwa mu. 14 Ɛwom wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. 15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa Awurade Asɔredan no baeɛ.

16 Na akokoakoko Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie Yudahene Asa asase so. 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho. 19 "Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me."

20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa . 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa ɔhwehwɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma Rama no afiri . Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no.

23 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24 Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ ɔhene.

Nadab Di Ɔhene Israel

25 Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu. 26 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.

27 Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no. 28 Baasa kumm Nadab ɔhene Asa adedie Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi .

29 Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ afa Yeroboam ho no. 30 Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri , Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.

31 Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 32 Na akokoakoko Asa ne Israelhene Baasa ntam.

Baasa Di Israel So Ɔhene

33 Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene Asa adedie Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan. 34 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também