Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 9

Awurade Mmuaeɛ

1 Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfie no sie no, ɔhunuu wayɛ deɛ ɔpɛ ɔyɛ no nyinaa awie. 2 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ na wada ne ho adi akyerɛ no Gibeon dada no. 3 Awurade ka kyerɛɛ no :

"Mate wo mpaeɛbɔ ne wʼadesrɛ. Mate saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ me din animuonyam afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.

4 "Na wo, wode nokorɛ ne nyamesuro di mʼakyi, sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na ɔdii me mmara ne mʼahyɛdeɛ nyinaa so no a, 5 mɛtim wʼahennie nnidisoɔ ase Israel afebɔɔ, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wʼagya Dawid , Ɛremma worennya ɔbarima bi nntena Israel ahennwa no so da no.

6 "Na wo anaa wo mmammarima dane firi me ho, na wɔbu me mmara ne mʼahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na wɔfiri akyire kɔsom anyame afoforɔ sɔre wɔn a, 7 ɛnneɛ, mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a mate ho me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aseredeɛ nnipa nyinaa mu. 8 Na ɛwom saa Asɔredan yi deɛ, nanso, wɔn a wɔbɛtwam ho no bɛtwiri no, adi ho abooboo, abisa , Adɛn enti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?9 Nnipa bɛbua , Ɛfiri , wɔapa Awurade, wɔn Onyankopɔn, a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforɔ a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno enti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ "

Salomo Ne Huram Nhyehyɛeɛ

10 Mfeɛ aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfie no akyi, 11 ɔhene Salomo de nkurotoɔ aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, ɛfiri , Huram maa no ntweneduro nnua ne pepeaa nnua ne sikakɔkɔɔ a na ɔhia. 12 Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13 Ɔbisaa , "Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!" Enti, ɔfrɛɛ Kabul, "Deɛ ɛnni mu" de bɛsi ɛnnɛ. 14 Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo.

Salomo Mpontuo Nnwuma

15 Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii Awurade asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie: 16 Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no. 17 Enti, Salomo sane kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsane kyekyeree nkuro a ɛwɔ Bet-Horon anafoɔ, 18 Baalat ne Tamar ɛserɛ so, nʼasase so. 19 Ɔkyekyeree nkuro a na wɔkora nnuane , kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ . Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼahemman nyinaa, sɛdeɛ nʼakoma .

20 Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Wɔne Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 21 Yeinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefoɔ. Enti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfoɔ, na wɔda so de bɛsi ɛnnɛ. 22 Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene. 23 Afei, ɔyii wɔn mu ahanum ne aduonum maa wɔhwɛɛ ne nkɔso nnwuma ahodoɔ so.

24 Ɛberɛ a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babaa no firii Dawid kuro no mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu no, ɔsii Milo.

25 Afe biara mu, na Salomo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade afɔrebukyia a ɔsiiɛ no so mprɛnsa. Na ɔhye aduhwam nso ma Awurade. Enti, ɔde wiee asɔredan no si.

26 Akyire no, ɔhene Salomo yɛɛ ɛpo so ahyɛn Esion-Geber,9.26 Salomo nsa a ɛkaa hyɛngyinabea a ɛwɔ Esion kuro a ɛwɔ Edom no na ɛmaa ɔnyaa ɛkwan kɔɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ne India Ɛpohahanaa no so. hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so a ɛwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mpoano. 27 Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfoɔ a wɔnim hyɛn mu adwuma yie no, ne Salomo nkurɔfoɔ de ahyɛn no yɛɛ adwuma. 28 Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsane de sikakɔkɔɔ tɔno 16 brɛɛ Salomo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também