Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 13

Odiyifoɔ Bi Ka Tia Yeroboam

1 Awurade hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ. 2 Na ɔfiri Awurade ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no , "Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’ " 3 Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa , "Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu."

4 Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa ne so, teaam , "Monkyere no!" Nanso, ne nsa a ɔtenee ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee. 5 Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam Awurade ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no.

6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no , "Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden." Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no , "Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi."

8 Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no , "Mpo, wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo ha. 9 Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me , Ɛnsɛ wodi burodo anaa wonom nsuo . Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ " 10 Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, ɔrekɔ efie.

11 Na ɛbaa na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no. 12 Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn , "Na ɔfaa he?" Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ. 13 Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no , "Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm." Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so 14 tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no , "Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?"

Ɔbuaa no , "Aane, me a."

15 Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no , "Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi."

16 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no , "Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan medidi anaa menom nsuo ha. 17 Awurade hyɛɛ me , Ɛnsɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ , anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ no so sane wʼakyi.’ "

18 Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa , "Me nso, meyɛ odiyifoɔ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me , Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’ " Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no. 19 Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee ne fie.

20 Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so. 21 Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so , "Sei na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. 22 Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wʼagyanom damena mu." 23 Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no, 24 na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. 25 Nnipa ba bɛtoo so amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te .

26 Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa , "Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni Awurade ahyɛdeɛ so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no."

27 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no , "Monhyehyɛ afunumu no mma me." Na wɔhyehyɛɛ afunumu no. 28 Ɔkɔeɛ kɔhunuu amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so. 29 Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no. 30 Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no , "Ao, me nua!"

31 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no , "mɛwu a, monsie me damena a wɔasie Onyankopɔn onipa mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32 Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu."

33 Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ abosomfie . 34 Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também