Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 22

Yehosafat Ne Ahab

1 Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa. 2 Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. 3 Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ , "Moahunu Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!"

4 Enti ɔbisaa Yehosafat , "Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?"

Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab , "Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me anuanom, na mʼakodɔm wo dea, wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da." 5 Na Yehosafat ka kaa ho , "Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade afotuo."

6 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn , "Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?"

Wɔn nyinaa buaa , "so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so."

7 Nanso, Yehosafat bisaa , "Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara."

8 Ɔhene Ahab buaa , "Awurade odiyifoɔ baako da so ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima."

Na Yehosafat kaa , "Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka."

9 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no , "Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra."

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔn anim. 11 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa , "Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn."

12 Adiyifoɔ a wɔwɔ no nyinaa penee so, kaa , "Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri , Awurade bɛma moadi nkonim."

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no , "Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm."

14 Nanso, Mikaia kaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me menka no na mɛka."

15 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no , "Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?"

Na Mikaia buaa , "Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so."

16 Nanso, ɔhene no sɔɔ so , "Mpɛn ahe na menka , ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ woka nokorɛ?"

17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no , "Anisoadehunu mu, mehunuu Israel abɔ apete mmepɔ no so, te nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa , Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’ "

18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat , "Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho."

19 Mikaia toaa so , "Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia ne nifa ne ne benkum so." 20 Na Awurade bisaa , "Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba wɔbɛkum no ?"

Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho , 21 kɔsii ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa , "Mɛtumi ayɛ!"

22 Awurade bisaa , "Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?"

Na honhom no buaa , "Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ."

Awurade kaa , "so , na wobɛdi nkonim.

23 "Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo."

24 Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no , "Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?"

25 Na Mikaia buaa , "Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu."

26 Israelhene Ahab hyɛɛ , "Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27 Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn , Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ "

28 Nanso, Mikaia buaa , "wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ , Awurade amfa me so ankasa." Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina , atwa ne ho ahyia no , "Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso."

Ahab Owuo

29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat , "Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ." Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

31 Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no , "Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!" 32 Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam , "Israelhene no ne no." Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no, 33 nteaseɛnamkafoɔ no hunuu ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie.

34 Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no , "Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara." 35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ. 36 Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu : "Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!"

37 Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no . 38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware , na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato no.

39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 40 Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ ɔhene.

Yehosafat Di Ɔhene Yuda

41 Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ Israel ne mfeɛ ɛnan so no. 42 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. 43 Na Yehosafat ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam . 44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu.

45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 46 Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. 47 Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko.

48 Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee Esion-Geber. 49 Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat , "Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ." Nanso, Yehosafat ampene so.

50 Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Ahasia Di Ɔhene Israel

51 Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu. 52 Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne Awurade ani so. 53 Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu Awurade, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também