Pular para o conteúdo
Publicidade

Kwadwom 1

1 Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie,

kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma?

Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a

kane no na anka woyɛ kɛseɛ amanaman no mu?

Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa amantam no mu no

abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.

2 Ɔsu yaayaaya anadwo,

nisuo sensane nʼafono so.

Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no,

ɔbiara nni a ɔkyekyere ne werɛ.

Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ

Wɔayɛ nʼatamfoɔ.

3 Amanehunu ne adwumaden akyi no,

Yuda nnommumfa mu.

Ɔte amanaman no mu

na ɔnni ahomegyebea

Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no

nʼahokyere mu.

4 Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,

ɛfiri obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.

Nʼapono nyinaa adeda mpan,

na nʼasɔfoɔ si apinie,

ne mmabaawa di yea,

na ɔwɔ yeadie a emu den.

5 Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;

wɔn a ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.

Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so

nʼamumuyɛ bebrebe enti.

Ne mma nnommumfa mu.

Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.

6 Animuonyam nyinaa atu

afiri Ɔbabaa Sion so .

Ne mmapɔmma ayɛ aforoteɛ

a wɔnnya adidibea;

na wɔde mmerɛyɛ adwane

wɔn ataafoɔ anim.

7 Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,

Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa

a na ɛwɔ no nna a atwam no mu.

Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,

na obiara nni a ɔbɛboa no.

Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no

na wɔseree ne sɛeɛ.

8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ

enti ne ho agu fi.

Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,

ɛfiri wɔahunu nʼadagya;

ɔno ankasa gu ahome

na ɔdane nʼani.

9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu;

wannwene ne daakye ho.

Nʼasehweɛ nwanwa;

obiara ankyekyere ne werɛ.

"Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu,

ɛfiri ɔtamfoɔ adi nkonim."

10 Ɔtamfoɔ no de ne nsa too

nʼademudeɛ nyinaa so;

ɔhunuu amanaman

rehyɛne ne kronkronbea ,

nnipa a woabra

wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.

11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie

ɛberɛ a wɔrepɛ aduane;

wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane

de nya ahoɔden.

"Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,

ɛfiri wɔbu me animtia."

12 "Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam nyinaa?

Monhwɛ na monhunu.

Ɛyea bi a ɛte me deɛ

a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?

Deɛ Awurade de baa me so

nʼabufuhyeɛ da no.

13 "Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,

ma ɛbaa me nnompe mu.

Ɔsum afidie maa me nan

na ɔsane me kɔɔ mʼakyi.

Ɔyɛɛ me pasaa,

metɔɔ bira da mu nyinaa.

14 "Woakyekyere me bɔne adesoa;

ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.

Abɛda me kɔn mu

na Awurade atwe mʼahoɔden.

Ɔde me ahyɛ wɔn a

merentumi nnyina wɔn anim no nsa.

15 "Awurade apo

ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;

wafrɛ akodɔm atia me

wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.

Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so

ne nsakyiamena .

16 "Yeinom enti na mesu

na nisuo adware me.

Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.

Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni .

Me mma agyigya

ɛfiri ɔtamfoɔ no adi nkonim."

17 Sion trɛ ne nsa mu

nanso obiara nni a ɔbɛkyekye ne werɛ

Awurade ahyɛ ama Yakob

ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;

Yerusalem abɛyɛ

afideɛ wɔn mu.

18 "Awurade ɔteneneeni,

nanso manni nʼahyɛdeɛ so.

Montie, mo amanaman nyinaa

monhwɛ me yea.

Me mmeranteɛ ne mmabaawa

nnommumfa mu.

19 "Mefrɛɛ mʼapamfoɔ

nanso wɔyii me maeɛ.

Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ

ase tɔreɛ kuropɔn no mu,

ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi

na wɔanwuwu.

20 "Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ!

Meredi ɛyea me mu,

na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,

ɛfiri mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.

Akofena hyɛ me awerɛhoɔ abɔntene so;

efie nso owuo nko ara.

21 "Nnipa ate mʼapinisie,

nanso obiara nni a ɔbɛkyekye me werɛ.

Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu

wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.

Ma nna a woahyɛ no mmra

sɛdeɛ wɔbɛyɛ me.

22 "Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;

na wo ne wɔn nni

sɛdeɛ wo ne me adie

ɛsiane mʼamumuyɛ no enti.

Mʼapinisie dɔɔso

na mʼakoma aboto."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações