Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 14

Ahiya Nkɔmhyɛ A Ɛtia Yeroboam

1 Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden. 2 Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere , "Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo wone ɔhemmaa no. Na odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me mɛdi ɔhene no, nkyɛn Silo. 3 Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so."

4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ. 5 Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya , "Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri , ɔyare dendeenden. ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no."

6 Na Ahiya tee ne nan ase ɛpono ano no, ɔfrɛɛ , "Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho obi foforɔ?" Na ɔka kyerɛɛ no , "Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7 Fa saa nkra yi a ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam , Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. 8 Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ ɔyɛ no. 9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane woadane wʼakyi akyerɛ me enti, 10 mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no. 11 Me, Awurade, meka ntam , wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’ "

12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere , "efie, na wowura kuro no mu ara a, abɔfra no bɛwu. 13 Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na Awurade, Israel Onyankopɔn, hunu no ade pa Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu. 14 Na Awurade bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu. 15 Na Awurade bɛwoso Israel te sibire a ɛhinhim asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri , wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo. 16 Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri , Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne."

17 Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ. 18 Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no.

19 Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu. 20 Yeroboam dii adeɛ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Rehoboam Di Ɔhene Yuda

21 Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson Yerusalem, kuro a na Awurade ayi Israel mmusuakuo no nyinaa mu, ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22 Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuu wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo. 23 Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24 Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a Awurade pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no.

25 Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so. 26 Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho. 27 Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa wɔnhwɛ so. 28 Ɛberɛ biara a ɔhene no Awurade Asɔredan mu no, awɛmfoɔ no soa bi, na ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu.

29 Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom koraberɛ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também