Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 6

Salomo Si Asɔredan No

1 Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no.

2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ anammɔn aduanan enum. 3 Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu . Na, ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn dunum. 4 Salomo yɛɛ ntokua ɔfasuo no soro hyiaeɛ. 5 Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ. 6 Na ɛyɛ aborɔsan a ɛtoa so mmiɛnsa a aseɛ dan no tɛtrɛtɛ mu anammɔn nson ne fa. Aborɔsan a ɛtɔ so mmienu no tɛtrɛtɛ anammɔn nkron ɛnna apampam dan no tɛtrɛtɛ anammɔn edu ne fa. Wɔde mpunan a ɛgugu nnannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasuo no mu na aka adan no afomfam ɔfasuo no ho. Enti, ɛkyerɛ wɔamfa mpunan no anhyehyɛ ɔfasuo no ankasa mu.

7 Na aboɔ a wɔde sii asɔredan no nso, wɔsiesiee ho abopaebea enti, ɛdan no sie no, obi ante hama, pɛeɛ anaa dadeɛ biara nnyegyeeɛ adansiiɛ .

8 Na ɛkwan a wɔde aseɛ adan no mu no da Asɔredan no anafoɔ fam. Atwedeɛ kyinkyimiɛ na wɔforo ɛdan a ɛto so mmienu no so na foforɔ nso adan a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no ntam. 9 Wɔwiee asɔredan no sie no, Salomo de nnua ne ntweneduro mpunan yɛɛ ani nsamsoɔ no. 10 Sɛdeɛ wɔaka no, na adan wowɔ ɛdan no afanan nyinaa a wɔnam ntweneduro so de afam Asɔredan no afasuo no ho. Ɛdan no mu biara ɔsorokɔ anammɔn nson.

11 Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo , 12 "Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13 Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da."

Asɔredan No Mu Asiesie

14 Na Salomo wiee asɔredan no sie. 15 Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so. 16 Ɔtwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ kronkron mu kronkron asɔredan no tiri mu pɛɛ. Na ɛhɔ atweeɛmu anammɔn aduasa a wɔde ntweneduro asam fam , de kɔsi ani nsameeɛ no so. 17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne ntentenemu anammɔn aduosia. 18 Wɔde ntweneduro na ɛsam aboɔ afasuo a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wɔsenee nkoraa fɛfɛ ne nhwiren, de dii nsameeɛ no ani adwini.

19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no bɛsi. 20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne ntentenemu anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduasa, ɛnna ne ɔsorokɔ nso anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ amapa duraa nʼafasuo ne ne nsamsoɔ no ho nyinaa. Saa ara na ɔduraa afɔrebukyia a wɔde ntweneduro ayɛ no ho. 21 Afei, asɔredan no mu nkaeɛ no, ɔde sikakɔkɔɔ amapa sam nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɛkwan a wɔde kronkron mu kronkron , de bɔɔ ano ban. 22 Enti, ɔde sikakɔkɔɔ sam Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔrebukyia no nyinaa ho, de wieeɛ.

23 Kronkronbea mu , ɔde ngo dua senee Kerubim mmienu a emu biara ɔsorokɔ anammɔn dunum, de sisii . 24 Kerubim baako biara ataban mu trɛ anammɔn dunum a, ataban baako biara tenten anammɔn nson ne fa. 25 Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ 26 a ɔbaako biara ɔsorokɔ anammɔn dunum. 27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho asɔredan kronkronbea mu . Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini. 28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho.

29 Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho. 30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so.

31 Ɛkwan a wɔfa so kronkronbea mu no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara twɛtwɛwa enum. 32 Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33 Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa asɔredan no mu. 34 Ɔde pepeaa nnua yɛɛ apono mmienu a wɔbobɔ, na wɔsii ɛpono no biara ɛkwan bi so , emu biara tumi bobɔ gu ɛno ara so. 35 Saa apono yi, wɔde Kerubim, mmɛdua, ne nhwiren adi ho adwini, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

36 Wɔsii adihɔ afasuo no kwan bi so a ntweneduro nnua ntosoɔ baako aboɔ a wɔatwa ntotosoɔ mmiɛnsa biara so.

37 Wɔtwaa Awurade Asɔredan fapem no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mfimfini a saa ɛberɛ no na Salomo adi ɔhene mfeɛ ɛnan no. 38 Wɔwiee ɛdan no ho biribiara bosome Bul (bɛyɛ Obubuo) mfimfini no a na wadi ɔhene mfeɛ dubaako. Enti, mfeɛ nson na wɔde sii asɔredan no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também