Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 7

Salomo Si Nʼahemfie

1 Salomo sane sii ɔno ankasa nʼahemfie. Na mfirinhyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfie no sie. 2 Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie.7.2 Na wɔfrɛ no Lebanon Kwaeɛ Ahemfie ɛfiri sɛ, na wɔahyehyɛ sida adum no te sɛ kwaeɛm nnua. Na sida no firi Lebanon. Na ne ntentenemu anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so. 3 Na wɔabɔ ntweneduro nsamsoɔ a ɛtwere mpunan aduanan enum a ɛno nso gugu fadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenesoɔ mmiɛnsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenesoɔ baako biara mu. 4 Afasuo no fa biara, mpomma sesa so mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu. 5 Apono no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.

6 Ɔsii afadum asa a ne ntentenemu anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduanan enum. Na ntwonoo a wɔakuru so animu a ɛsi afadum so.

7 Na ahennwa asa a na wɔnim no atemmuo asa nso . Ɛhɔ na na Salomo tena, di nsɛm. Na wɔde ntweneduro asam firi fam, de kɔsi nsamsoɔ so. 8 Baabi a na Salomo teɛ no twa asɛnniiɛ a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɛkwan korɔ no ara so na wɔfa de siiɛ. Ɔsii ne dan no sɛso de maa Farao babaa a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.

9 Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ den yie na wɔde sii saa adan no. 10 Aboɔ a wɔde too ɛdan no fapem no ntentenemu anammɔn dunum, ɛnna ebi nso ntentenemu anammɔn dumienu. 11 Aboɔ a ne boɔ den yie a wɔde sii afasuo no nso, na wɔasusu, atwa no pɛpɛɛpɛ a ntweneduro mpunan nso ka ho. 12 Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu a ntwonoo kwan ka ho.

Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu

13 Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase ɔmfiri Tiro mmra, 14 ɛfiri , na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri , ne maame okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma baabi a wɔnane nnadeɛ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.

15 Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso anammɔn dunwɔtwe. 16 Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ anammɔn nson ne fa. 17 Ntaasoɔ biara nso, wɔde atena a wɔanwono nson ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho. 18 Na ɔyɛɛ ateaa nsɛso a ɛsesa so tee mmienu bebaree atena a wɔanwono no de siesiee aduntire a ɛwɔ afadum no atifi. 19 Ntaasoɔ a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwonoo no mu no, na wɔayɛ no sukooko a ne ɔsorokɔ anammɔn nsia. 20 Ntaasoɔ biara a na ɛwɔ afadum mmienu no so no nso, na ateaa nsɛso ahanu a wɔahyehyɛ no tee tee mmienu atwa ho ahyia a, ɛbɛn kankonimu a ɛtoa atena a wɔanwono no so. 21 Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden ). 22 Afadum no aduntire no, wɔyɛɛ no sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.

23 Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso anammɔn aduanan enum. 24 Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ dwaresɛn no fa bi.

25 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 26 Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te bonsua, na na ɛte sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako.

27 Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ anammɔn ɛnan ne fa. 28 Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne , ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so. 29 Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. 30 Na saa nteaseɛnam no mu biara kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini. 31 Nteaseɛnam no biara nnyinasoɔ kurukuruwa bi nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa teaseɛnam no atifi te ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. 32 Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa, 33 a na ɛte teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.

34 Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ , na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. 35 Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ nsateakwaa nkron . Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. 36 Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan . Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. 37 Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ , na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa ade korɔ mu.

38 Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu. 39 Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so. 40 Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia.

Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no ɔnyɛ Awurade Asɔredan no ho:

41 afadum mmienu,

aduntire a wɔayɛ no asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,

nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no,

42 ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),

43 nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ,

44 Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,

45 Nkukuo, sofi ne dwaresɛn.

Na nkuku ne nkaka a Huram maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. 46 Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 47 Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri , na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.

48 Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:

sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,

sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,

49 sikakɔkɔɔ kaneadua7.49 Na kaneadua baako a ɛwɔ mman nson na na ɛwɔ ntomadan no mu (2 Mose 25.31-40; 26.35). Salomo de nkaneadua edu sii anan. a ɛnnum sisi anafoɔ fam,

na enum sisi atifi fam kronkron mu kronkron animu ;

nhwiren a wɔde asiesie , nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa sikakɔkɔɔ,

50 nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa sikakɔkɔɔ nko ara;

ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.

51 Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa adekoradan mu Awurade Asɔredan mu .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também