Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 5

Asɔredansie Ho Ahoboa

1 Na Tirohene Huram ɔhene Dawid adamfo nokwafoɔ, enti ɛberɛ a ɔtee wɔasra Salomo ngo ɔhene ɔnni nʼagya Dawid adeɛ no, ɔsomaa nʼasomafoɔ kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tiri nkwa. 2 Salomo too saa nkra yi wɔmfa nkɔma Huram ,

3 "Wo ara wonim mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase. 4 Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie. 5 Ne saa enti, mayɛ adwene mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid me na mɛyɛ no. Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.

6 "Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim , obiara nkyɛn Sidonfoɔ nnuabuo mu."

7 Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa , "Ayɛyie nka Awurade ɛnnɛ, ɛfiri , wama Dawid ɔba nyansafoɔ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so."

8 Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo ,

"Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo. 9 Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka."

10 Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ. 11 Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000. 12 Na Awurade maa Salomo nyansa a emu , sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam.

13 Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din. 14 Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu , sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako Lebanon, na wadi abosome mmienu efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so. 15 Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so 16 ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so. 17 Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. 18 Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também