Publicidade

Filipenses 1

Nkyea

1 Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,

Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo Mpaeɛbɔ

3 Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4 Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ mpaeɛ ma mo, 5 ɛfiri , ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6 Yei enti, megye di yie , Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

7 Sɛdeɛ mo ho adwene pa me tirim no enti, daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri , meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8 Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ mʼani agyina mo Yesu Kristo ɔdɔ mu.

9 Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne , ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini nimdeɛ ne nteaseɛ mu, 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.

12 Anuanom, mepɛ mote aseɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ. 13 Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim , ɛsiane meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.

15 Ɛyɛ nokorɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri , wɔnim Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase. 17 Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so mʼafiase nna yi mu. 18 Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne , wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.

Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19 ɛfiri , menim mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. 20 Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne , mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, mete ase o, mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. 21 Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo me mfasoɔ. 22 Nanso mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23 Yei adi me aniani. na mepɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri , ɛno mmom na ɛyɛ; 24 nanso mo enti, mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25 Menim me ho hia asase yi so ha; ɛno enti, megye di mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini gyidie mu anya anigyeɛ. 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam ɔbɔɔ me ho ban.

27 Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne , biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛhyia o, yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ Asɛmpa no ho. 28 Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri , Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo deɛ, ɛnyɛ wɔadom mo monni Kristo akyi nko, na mmom, mobɛhunu amane nso. 30 Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.

Veja também

Publicidade
Filipenses
Ver todos os capítulos de Filipenses
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-