Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 8

Israel Bɛtwa Ntwahoframa Aba

1 "Monhyɛn totorobɛnto!

Ɔkɔdeɛ bi Awurade fiefoɔ so

ɛfiri nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

2 Afei, Israel su frɛ me ,

Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!

3 Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ;

ɔtamfoɔ bɛtaa no.

4 Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee

wɔpa ahenemma ɛberɛ a mempenee so.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ ahoni ma wɔn ho

de sɛeɛ wɔn ankasa ho.

5 To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!

Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.

Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?

6 Wɔfiri Israel!

Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wɔbɛbubu mu asinasini,

saa Samaria nantwie ba no.

7 "Wɔdua mframa

na wɔtwa ntwahoframa.

Awuo a ɛgyina no nni tire;

enti wɔrennya esam mfiri mu.

ɛso aduane mpo a,

ahɔhoɔ na wɔbɛdi.

8 Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.

9 Na wɔakɔ Asiria

te wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.

10 Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho amanaman no mu deɛ,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so bɛfiri aseɛ ate

ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.

11 "Ɛwom Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ so deɛ,

ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne so.

12 Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no ananafoɔ adeɛ.

13 Wɔde mʼayɛyɛdeɛ afɔdeɛ

na wɔwe ɛnam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm

na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsane akɔ Misraim.

14 Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ

na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;

Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.

Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya

a ɛbɛhye wɔn aban."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também