Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 9

Israel Asotwe

1 Nni ahurisie, Ao Israel;

nsɛpɛ wo ho te aman a aka no.

Ɛfiri woanni wo Onyankopɔn nokorɛ,

wʼani gye adwamammɔ ho

ayuporobea nyinaa so.

2 Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane;

nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.

3 Wɔrentena Awurade asase no so bio;

Efraim bɛsane akɔ Misraim

na wadi aduane a ɛho nteɛ Asiria.

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade,

na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.

Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka;

wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi.

Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea

na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

5 Ɛdeɛn na mobɛyɛ mo apontoɔ da no

ne Awurade afahyɛ nna no nso?

6 Mpo wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a

Misraim bɛboaboa wɔn ano,

na Memfis bɛsie wɔn.

Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira,

na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.

7 Asotwe nna no reba,

akontabuo nna no aduru;

ma Israel nhunu yei.

Esiane mo bɔne bebrebe

ne mo akokoakoko a adɔɔso enti

mofa no odiyifoɔ kwasea

na deɛ honhom akanyane noɔ no ɔbɔdamfoɔ.

8 Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn

Efraim so wɛmfoɔ,

nanso wɔasum no afidie nʼakwan nyinaa so,

na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.

9 Wɔaduru porɔeɛ bunu mu,

sɛdeɛ na ɛteɛ Gibea nna no mu.

Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden

na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.

10 "Ɛberɛ a mehunuu Israel no,

na ɛte deɛ mahunu bobe anweatam so;

ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no,

na ɛte deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan ne dua so.

Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no

wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.

Wɔn ho yɛɛ abofono te ohoni a wɔdɔ no no.

11 Efraim animuonyam bɛtu akɔ anomaa,

nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu.

12 Mpo wɔtete mmɔfra a,

mɛma mmɔfra no awuwu wɔn nsa mu.

Wɔnnue,

meyi mʼani firi wɔn so a!

13 Mahunu Efraim te Tiro,

a ɛda baabi a ɛyɛ.

Nanso Efraim de ne mma

bɛbrɛ okumfoɔ no."

14 Fa ma wɔn, Ao, Awurade,

ɛdeɛn na wode bɛma wɔn?

Ma wɔn yafunu a ɛpɔn

ne nufoɔ a nufosuo nni muo.

15 "Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii Gilgal enti,

mefaa wɔn ho tan .

Wɔn nnebɔne enti

mɛpam wɔn afiri me fie.

Merennɔ wɔn bio;

ɛfiri wɔn ntuanofoɔ nyinaa atuatefoɔ.

16 Efraim agyigya,

ne nhini akusa,

enti wɔnso aba.

wɔwo mma mpo a,

mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no."

17 Me Onyankopɔn bɛpo wɔn,

ɛfiri , wɔannyɛ ɔsetie amma no;

Wɔbɛkyinkyini aman no mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também