Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 5

Atemmuo A Ɛtia Israel

1 "Montie mo asɔfoɔ!

Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!

Monyɛ aso, Ao adehyefie!

Saa atemmuo yi tia mo:

Moayɛ afidie Mispa,

ne asau a wɔagu no Tabor so.

2 Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;

wɔmfaa Israel nhintaa me.

Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;

na Israel aprɔ.

4 "Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan

mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Adwamammɔ honhom wɔn akoma mu;

wɔnnye Awurade nto mu.

5 Israel ahantan di tia no.

Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.

6 wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie

kɔhwehwɛ Awurade a

Wɔrenhunu no,

ɛfiri , watwe ne ho afiri wɔn ho.

7 Wɔanni Awurade nokorɛ.

Wɔwowoo adwamam mma.

Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ

bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.

8 "Hyɛn totorobɛnto no Gibea.

Hyɛn abɛn no Rama.

Momma ɔko nteam so Bet Awen;

Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.

9 Wɔbɛsɛe Efraim

akontabuo da.

Israel mmusuakuo no mu no

mepae mu ka deɛ ɛwom.

10 Yuda sodifoɔ no te

wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.

Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so

te nsuyire.

11 Wɔhyɛ Efraim so,

wɔtiatia ne so atemmuo mu,

wasi nʼadwene pi ɔbɛdi ahoni akyi.

12 Mɛyɛ nweweboa ama Efraim

na mayɛ Yudafoɔ dua a aporɔ.

13 "Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda nso hunuu nʼakuro no,

Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.

Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no kɔpɛɛ mmoa.

Nanso wantumi ansa no yadeɛ,

na akuro no nso anwuwu.

14 Enti mɛyɛ gyata ama Efraim

na mayɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.

Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;

Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

15 Afei, mɛsane akɔ me nkyi

kɔsi wobɛnya ahonu.

Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;

wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também