Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 7

1 ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,

Efraim nnebɔne da adi.

Samaria awurukasɛm nso daa adi.

Wɔyɛ nnaadaafoɔ

akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani afie mu,

ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno mmɔntene so.

2 Na wɔnhunu

mekae wɔn nnebɔne nyinaa.

Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;

ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.

3 "Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,

na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.

4 Wɔn nyinaa awaresɛefoɔ

a akɔnnɔ redɛre wɔn mu.

Wɔte fononoo a wɔasɔ mu ogya

ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.

5 Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no

ahenemma boro nsã,

na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn mu goro.

6 Wɔn akoma te fononoo;

wɔde atirimpɔ bɔne ɔhene anim.

Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;

adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te ogyaframa.

7 Wɔn nyinaa ayɛ hye fononoo.

Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ.

Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase

na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

8 "Efraim ne aman no adi afra

Efraim ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.

9 Ananafoɔ twe nʼahoɔden,

nanso ɔnhunu.

Ɛdwono aba ne tiri so,

nanso nʼani mmaa so.

10 Israel ahantan di adanseɛ tia no,

nanso yei nyinaa akyi no

ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn,

na ɔnhwehwɛ no nso.

11 "Efraim te aborɔnoma a

wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.

Ɔfrɛ Misraim,

na wadane akɔ Asiria.

12 wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;

atwe wɔn aba fam te ewiem nnomaa.

mete wɔretu abom a,

mɛkyere wɔn.

13 Nnome nka wɔn,

ɛfiri wɔatwe wɔn ho afiri me ho!

Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,

ɛfiri wɔate me so atua!

Anka mepɛ megye wɔn

nanso wotwa atorɔ fa me ho.

14 Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me

mmom wɔtwa adwo wɔn mpa so.

Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,

nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.

15 Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,

nanso wɔbɔ bɔne tia me.

16 Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;

wɔte tadua a asɛeɛ,

wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ akofena ano

ɛfiri , wɔnnkasa obuo so.

Yei enti wɔbɛdi wɔn ho

Misraim asase so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também