Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 12

1 Efraim de mframa ayɛ aduane;

ɔdi apueeɛ mframa akyi daa

na ɔdi atorɔ akakabensɛm bebree.

Ɔne Asiria apam

na ɔde ngo Misraim.

2 Awurade soboɔ de Yuda;

ɔbɛtwe Yakob aso, nʼakwan ho

na watua no ne nneyɛeɛ so ka.

3 Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin;

ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

4 Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim;

ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom.

Ɔhunuu no Bet-El

ne no kasaa .

5 Asafo Awurade Onyankopɔn,

Awurade ne ne din a ahyeta!

6 Ɛsɛ wo sane wo Onyankopɔn nkyɛn.

Tena ɔdɔ ne tenenee mu,

na twɛn wo Onyankopɔn daa.

7 Ɔdwadini de nsisie nsania nʼadwuma;

nʼani gye nsisie ho.

8 Efraim hoahoa ne ho ,

"Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.

Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu

amumuyɛ biara me ho."

9 "Mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio

sɛdeɛ na woyɛ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.

10 Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ,

memaa wɔn anisoadehunu bebree

na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm."

11 Gilead otirimuɔdenfoɔ anaa?

Emu nnipa no ahuhufoɔ!

Wɔde anantwie afɔdeɛ Gilgal anaa?

Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te aboɔ

a wɔahɔre no sie asase a wɔafuntum soɔ.

12 Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;

Israel someeɛ de nyaa yere,

ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.

13 Awurade nam odiyifoɔ so

yii Israel firii Misraim,

ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.

14 Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;

nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so

na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também