Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 14

Ahonu De Nhyira Ba

1 Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.

Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

2 Fa wo nsɛm a wowɔ

sane kɔ Awurade nkyɛn.

Ka kyerɛ no sɛ,

"Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,

na fa ahummɔborɔ gye yɛn,

na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3 Asiria rentumi nnye yɛn;

yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.

Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’

nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,

na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ."

4 "Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.

Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,

ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

5 Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko.

Te sɛ Lebanon ntweneduro no

ɔde ne nhini bɛtim fam;

6 ne mman bɛdennan.

Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua,

na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

7 Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio.

Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe,

na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

8 Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?

Mɛgye no so na mʼani aku ne ho.

Mete sɛ dua a nʼahahan mpo;

sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so."

9 Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu.

Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase.

Awurade akwan tene.

Ateneneefoɔ nante so,

nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.