Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 6

Israel Nni Ahonu

1 "Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.

Wɔatete yɛn mu asinasini

nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ.

Wapirapira yɛn

nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.

2 Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;

nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ

na yɛanya nkwa nʼanim.

3 Momma yɛnnye Awurade nto mu;

momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu.

Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue;

ɔbɛba yɛn nkyɛn te osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu

anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase."

4 "Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim?

Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda?

Mo te anɔpa ,

ɛte anɔpa bosuo a ɛtu yera.

5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini,

mede mʼanum nsɛm kunkumm mo;

mʼatemmuo baa mo so anyinam.

6 Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ.

Wɔanni me nokorɛ .

8 Gilead atirimuɔdenfoɔ kuropɔn

a mogya anammɔn akeka .

9 Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no

saa ara na asɔfo kuo no nso ;

wɔdi awu Sekem kwantempɔn so

nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.

10 Mahunu ahodwiredeɛ Israel fie.

Ɛhɔ, Efraim adwamammɔ mu

Israel gu ne ho fi.

11 "Na wo Yuda nso,

wɔahyɛ otwa berɛ ama wo.

"Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também