Publicidade

Hebreus 1

Onyankopɔn Akasa

1 Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ. 2 Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. 3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi mu no ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so ɔsoro. 4 Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri , edin a Onyankopɔn de too no no kɛse sene wɔn deɛ no.

5 Ɛfiri , Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara ,

"Woyɛ me Ba;

na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya."

Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara ,

"Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba."

6 Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa ,

"Ɛsɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no."

7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne ,

"Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ mframa,

na ɔsoma nʼasomfoɔ gyadɛreeɛ."

8 Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa ,

"Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena daa nyinaa;

wʼAhennie atɛntenenee.

9 Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne,

ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo."

10 Onyankopɔn sane kaa ,

"Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem,

na ɔsoro wo nsa ano adwuma.

11 Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena daa;

wɔbɛtete atadeɛ.

12 Wɔbɛbobɔ no ntoma;

na wɔbɛsesa no ntadeɛ.

Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,

na wo mfeɛ to rentwa da."

13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no ,

"Montena me nifa so

kɔsi mede mo atamfoɔ bɛyɛ

mo nan ntiasoɔ."

14 saa a, na abɔfoɔ no dɛn? Wɔn nyinaa ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-