Nsonsonoeɛ A Ɛda Foforɔ Ne Dada No Ntam
1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da. 2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. 3 Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4 Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.