24 Gyidie enti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no. 25 Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi. 26 Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Kristo a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye.