10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.