Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 18

Asase A Aka No Mu Kyekyɛ

1 Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano Silo18.1 Silo a ɛfiri Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita 40 no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyedisom man wɔ Israel. Na Ahyiaeɛ Ntomadan no si hɔ ara kɔsii Samuel berɛ so (1 Sam 4.1-11) a wɔde kɔɔ Gibeon (1 Be 21.29). na wɔsii hyiadan. 2 Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.

3 Enti, Yosua bisaa wɔn , "Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? 4 Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. 5 Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. 7 Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri , wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada."

8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn , "Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no." 9 Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn Silo atenaeɛ .

10 Silo na Yosua bɔɔ ntonto kronkron Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ abusuakuo biara fa.

Asase A Wɔde Maa Benyamin

11 Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.

12 Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam. 13 Ɛhyeɛ no firi Lus (a ɛyɛ Bet-El) anafoɔ fam, na ɛtoa so Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ anafoɔ fam.

14 Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ.

15 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri fa atɔeɛ fam Neftoa nsuwansuwa asutire ho, 16 na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so Hinom anafoɔ fam, na atwam nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel. 17 Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan Ruben babarima). 18 Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no bɔnhwa no mu, 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ.

20 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no Asubɔnten Yordan.

Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuo no.

Nkuro A Wɔde Maa Benyamin

21 Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi:

Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23 Awim, Para ne Ofra, 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ.

25 Gibeon, Rama ne Beerot, 26 Mispa, Kefira ne Mosa, 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ.

Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuo no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também