Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 17

1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri , na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir Manase babarima panin ne Gilead agya.) 2 Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.

3 Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4 Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa , "Awurade hyɛɛ Mose ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ."

Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no. 5 Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6 ɛfiri , Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no).

7 Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no. 8 (Asase a atwa Tapua ho ahyia no Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no Efraim abusuakuo no dea.) 9 Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no Efraim abusuakuo no dea.) 10 Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso Manase, na Ɛpo kɛseɛ no Manase asase no ɛhyeɛ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam.

11 Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ.

12 Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte no. 13 Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.

14 Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no , "Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?"

15 Yosua buaa , "Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no."

16 Na wɔbuaa , "Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho den dodo ma yɛn."

17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no , "Esiane mo dɔɔso na mo ho den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho. 18 Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena . Ɛwom Kanaanfoɔ no ho den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também