Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 7

Ai Di Israel So Nkonim

1 Nanso, Israel anni nokorɛ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima.

2 Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no.

3 Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua , "Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia yɛn nyinaa bɛkɔ ." 4 Enti, wɔde akofoɔ bɛyɛ mpensa kɔɔ nanso wɔdii Israelfoɔ no so pasaa. Ai mmarima 5 taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ.

6 Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ. 7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade , "Otumfoɔ Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya ara. 8 Awurade, seesei a Israelfoɔ adwane afiri wɔn atamfoɔ anim yi, asɛm bɛn na menka? 9 Na Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?"

10 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua , "Sɔre! Adɛn enti na wode wʼanim abutu saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ mosɛe no.

13 "Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no , Obiara nkɔdwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Ao, Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ wɔgya ma Awurade no ahinta mo mu. Morentumi nni mo atamfoɔ so da kɔsi moyi saa nneɛma no firi mo mu.

14 " Adekyeɛ mu no, abusuakuo biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuo a wɔn ho asɛm no. Saa abusuakuo no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ efie a ne ho asɛm no. Awieeɛ no, efie a ne ho asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa Israel.’ "

Akan Bɔne

16 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa Awurade anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa Awurade anim, na wɔyii Simri efie. 18 Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba.

19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan , "Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me."

20 Akan buaa , "Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn. 21 Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia,7.21 Hebri mu no, Babilon yɛ Sinar. dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no."

22 Enti, Yosua somaa mmarima bi wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no wɔde asie , sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara , na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam Awurade anim.

24 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atadeɛ ngugusoɔ no, sikakɔkɔɔ poma no, ne mmammarima, ne mmammaa, nʼanantwie, ne mfunumu, ne nnwan, ne ntomadan ne nʼagyapadeɛ nyinaa na wɔde no baa Akɔr bɔnhwa mu. 25 Yosua bisaa Akan , "Adɛn enti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo."

Na Israelfoɔ nyinaa sii Akan ne nʼabusuafoɔ aboɔ, hyee wɔn amu no. 26 Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, Awurade bo dwoeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também